Psalms 44

Ogye ho mpaebɔ

1Yɛate wɔ yɛn ankasa yɛn asom, O Onyankopɔn.
Yɛn nenanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn;
nneɛma akɛse a woyɛe wɔn bere so no nyinaa, wɔaka akyerɛ yɛn; saa tete mmere no:
2sɛnea wopamoo abosonsomfo na wobɔɔ wo nkurɔfo atenase wɔ wɔn asase so no, sɛnea wotwee aman foforo aso, na womaa wo de nyaa nkɔso no.
3Wo nkurɔfo amfa wɔn nkrante na edii asase no so.
Ɛnyɛ wɔn tumi so na wɔnam dii so.
Wo tumi ne wʼahoɔden, ɔka a wokae se wobɛba hɔ no na ɛdaa ɔdɔ a wodɔ wɔn no adi.
4Woyɛ me hene ne me Nyankopɔn; wokyɛ wo nkurɔfo nkonimdi,
5na yɛnam wo tumi so di yɛn atamfo so.
6Memfa me ho nto mʼagyan anaa me nkrante so sɛ ennye me nkwa.
7Nanso woagye yɛn afi yɛn atamfo nsam adi wɔn a wɔtan yɛn so.
8Yɛbɛkamfo wo daa na yɛada wo ase daa daa.
9Nanso afei woatwe wo ho sɛ wonni yɛn so.
Afei wo ne yɛn asraafodɔm no nkɔ bio.
10Woama yɛaguan yɛn atamfo ama wɔafa yɛn agyapade.
11Woama kwan ama wɔakum yɛn sɛ nguan.
Wopetee yɛn amanfrafo nkurow so.
12Wotɔn wo ara wo nkurɔfo aboɔmmerɛw sɛnea wɔn ho nni mfaso biara.
13Yɛn afipamfo huu nea woyɛɛ yɛn, na wodii yɛn ho fɛw, serewee.
14Woama yɛn anim agu ase wɔ aman anim.
Wɔwosow wɔn ti de serew yɛn.
15Daa na mʼanim agu ase.
Ahohora adura me
16fi mʼatamfo ne wɔn a wokyi me kasatia mu.
17Eyinom nyinaa aba yɛn so, nanso yɛn werɛ mfi wo, na yemmuu apam a wo ne yɛn hyehyɛe no nso so.
18Yennii wo huammɔ.
Yemmuu wo mmara so.
19Nanso wugyaa yɛn wɔ nkekaboa mu a mmoa biara mfi baabi.
Wugyaa yɛn sum kabii mu.
20Sɛ yegyaee yɛn Nyankopɔn som kɔsom anyame foforo bi a,
21anka nea ɛbɛyɛ biara wubehu.
Efisɛ, wunim yɛn nsusuwii.
22Nanso wo nti na daa nyinaa wokum yɛn sɛ nguan no.
23Keka wo ho, Awurade! Adɛn nti na woada?
Sɔre! Nnyaw yɛn afebɔɔ saa!
24Adɛn nti na wode wo ho ahintaw yɛn?
Mma wo werɛ mmfi yɛn amanehunu ne yɛn haw!
25Wɔapɛkyɛw yɛn wɔ fam.
Yegu mfutuma mu a wodi yɛn so.
26Bɛboa yɛn!
Esiane ɔdɔ a wodɔ yɛn daa nti, gye yɛn nkwa.
Copyright information for TwiNAK